2 Chronicles 22:10-12

10Bere a Yudahene Ahasia ne na Atalia tee sɛ ne babarima no awu no, ɔkekaa ne ho, pɛɛ sɛ ɔsɛe Yuda adehye abusua no. 11Nanso Ahasia nuabea Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babea, faa Ahasia babarima akokoaa Yoas fii ɔhene no mma a wɔaka a wɔrebekum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kosiee pia bi mu. Eyi ne ɔkwan a ɔsɔfo Yehoiada yere Yehoseba faa so de abofra no siei, sɛnea ɛbɛyɛ na Atalia rennya no nkum no. 12Yoas hyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan mu hɔ mfe asia, bere a na Atalia di ɔman no so no.

2 Chronicles 23:1-3

Wɔsɔre Tia Atalia

1Atalia dii ade mfe ason no, ɔsɔfo Yehoiada kyerɛɛ no tumi. Osii ne bo ne asraafodɔm ɔha so asahene baanum, a wɔne Yeroham babarima Asaria, Yehohanan babarima Ismael, Obed babarima Asaria, Adaia babarima Maaseia ne Sikri babarima Elisafat yɛɛ apam. 2Saa mmarima yi faa sum ase, kyinii Yuda nyinaa, frɛfrɛɛ Lewifo ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Yuda nkurow so sɛ, wɔmmra Yerusalem. 3Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberante Yoas yɛɛ apam.

Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere adu sɛ ɔhene babarima di ade. Awurade ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn hene.
Copyright information for TwiAKNA